Psalms 20

Nkonimdi mpaebɔ

1 Awurade ntie wo wɔ wo haw mu!
Yakob Nyankopɔn mmɔ wo ho ban!
2Ɔmma wo ne mmoa mfi nʼasɔrefi ne Sion Bepɔw so.
3Onnye wʼafɔrebɔde nyinaa na ne nyinaa nsɔ nʼani.
4Ɔmma wo nea ehia wo, na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ ye.
5Na yɛateɛm adi ahurusi wɔ wo nkonimdi no ho na yɛakamfo Onyankopɔn wɔ nea wayɛ ama wo no ho.
Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.
6Afei minim sɛ Awurade ma ne hene a wayi no no di nkonim.
Otie no wɔ ne soro kronkron na ɔnam ne tumi so ama wadi nkonim akɛse.
7Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam a wɔde kɔ ɔko so, na afoforo nso de wɔn ho to wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to yɛn Awurade Nyankopɔn tumi so.
8Saa nnipa no hintiw, hwe ase, na yɛn de, yɛbɛsɔre agyina pintinn.
9Ma ɔhene nni nkonim,
O Awurade; na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so.
Copyright information for TwiNAK